Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Dawid tee asɛm no, ne bo fuu saa ɔbarima no yie, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wuo.

2 Samuel 12:5 in English

2 Samuel 12:5 · Berean Standard Bible

David burned with anger against the man and said to Nathan: “As surely as the LORD lives, the man who did this deserves to die!

Context

3ohiani no deɛ, na ɔnni hwee ka odwanbereɛ ketewa bi a ɔtɔɔ no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyini boom. Na ɔne aboa no di nʼaduane, nom firi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ɔbabaa ma no. 4“Ɛda koro bi, ɔhɔhoɔ bi baa osikani no nkyɛn, nanso wankum ne nnwan anaa ne nantwie annoa aduane amfa ansom no hɔhoɔ. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no odwanbereɛ no, de yɛɛ aduane maa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ no no.” 5Dawid tee asɛm no, ne bo fuu saa ɔbarima no yie, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wuo. 6Ɛsɛ sɛ ɔtua odwanbereɛ no ka mmɔ ho ɛnan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔborɔ biara.” 7Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Wone saa ɔbarima no! Awurade, Israel Onyankopɔn, se, ‘Mesraa wo sɛ Israelhene, gyee wo firii Saulo tumi ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.