2 Samuel 12:3
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ohiani no deɛ, na ɔnni hwee ka odwanbereɛ ketewa bi a ɔtɔɔ no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyini boom. Na ɔne aboa no di nʼaduane, nom firi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ɔbabaa ma no.
2 Samuel 12:3 in English
2 Samuel 12:3 · Berean Standard Bible
but the poor man had nothing except one small ewe lamb that he had bought. He raised it, and it grew up with him and his children. It shared his food and drank from his cup; it slept in his arms * and was like a daughter to him.
Context
1Awurade somaa odiyifoɔ Natan sɛ ɔnkɔka abasɛm yi nkyerɛ Dawid: “Na mmarima baanu bi te kuro bi so. Na mmarima no mu baako yɛ osikani, na deɛ ɔka ho no nso yɛ ohiani. 2Na osikani no wɔ nnwan ne anantwie bebree, 3ohiani no deɛ, na ɔnni hwee ka odwanbereɛ ketewa bi a ɔtɔɔ no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyini boom. Na ɔne aboa no di nʼaduane, nom firi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ɔbabaa ma no. 4“Ɛda koro bi, ɔhɔhoɔ bi baa osikani no nkyɛn, nanso wankum ne nnwan anaa ne nantwie annoa aduane amfa ansom no hɔhoɔ. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no odwanbereɛ no, de yɛɛ aduane maa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ no no.” 5Dawid tee asɛm no, ne bo fuu saa ɔbarima no yie, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.