2 Samuel 11:25
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dawid ka kyerɛɛ abɔfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu deɛ obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na monni kuropɔn no so nkonim.”
2 Samuel 11:25 in English
2 Samuel 11:25 · Berean Standard Bible
Then David told the messenger, “Say this to Joab: ‘Do not let this matter upset you, for the sword devours one as well as another. Strengthen your attack against the city and demolish it.’ Encourage him with these words.”
Context
23Abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mmarima no bu faa yɛn so, na wɔtiaa yɛn petee mu deɛ, nanso yɛpiaa wɔn kɔɔ kuro no ɛpono ano. 24Ɛhɔ na agyantofoɔ too wʼasomfoɔ firii ɔfasuo ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwuiɛ. Na wo ɔsomfoɔ Hetini Uria nso awu.” 25Dawid ka kyerɛɛ abɔfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu deɛ obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na monni kuropɔn no so nkonim.” 26Ɛberɛ a Batseba tee sɛ ne kunu awuo no, ɔsuu no. 27Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fie. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na deɛ Dawid yɛeɛ no ansɔ Awurade ani.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.