2 Samuel 11:23
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mmarima no bu faa yɛn so, na wɔtiaa yɛn petee mu deɛ, nanso yɛpiaa wɔn kɔɔ kuro no ɛpono ano.
2 Samuel 11:23 in English
2 Samuel 11:23 · Berean Standard Bible
The messenger said to David, “The men overpowered us and came out against us in the field, but we drove them back to the entrance of the gate.
Context
21Ɔbaabasia anto ayuyammoɔ ammɔ Gideon babarima Abimelek wɔ Tebes ankum no?’ Afei, monka nkyerɛ no sɛ, wɔakum Hetini Uria nso.” 22Enti, abɔfoɔ no kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ ɔsa no mu amaneɛ kyerɛɛ Dawid sɛdeɛ Yoab somaa no sɛ ɔnkɔka. 23Abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mmarima no bu faa yɛn so, na wɔtiaa yɛn petee mu deɛ, nanso yɛpiaa wɔn kɔɔ kuro no ɛpono ano. 24Ɛhɔ na agyantofoɔ too wʼasomfoɔ firii ɔfasuo ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwuiɛ. Na wo ɔsomfoɔ Hetini Uria nso awu.” 25Dawid ka kyerɛɛ abɔfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu deɛ obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na monni kuropɔn no so nkonim.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.