Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fie. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na deɛ Dawid yɛeɛ no ansɔ Awurade ani.

2 Samuel 11:27 in English

2 Samuel 11:27 · Berean Standard Bible

And when the time of mourning was over, David had her brought to his house, and she became his wife and bore him a son. But the thing that David had done was evil in the sight of the LORD.

Context

25Dawid ka kyerɛɛ abɔfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu deɛ obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na monni kuropɔn no so nkonim.” 26Ɛberɛ a Batseba tee sɛ ne kunu awuo no, ɔsuu no. 27Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fie. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na deɛ Dawid yɛeɛ no ansɔ Awurade ani.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.