2 Samuel 1:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Na ɔsrɛɛ me sɛ, ‘Bɛgyina me so na kum me, na me ho yera me yie, na mepɛ sɛ mewu.’
2 Samuel 1:9 in English
2 Samuel 1:9 · Berean Standard Bible
Then he begged me, ‘Stand over me and kill me, for agony has seized me, but my life still lingers.’
Context
7Ɔdanee ne ho a ɔhunuu me no, ɔteaam frɛɛ me sɛ memmra. Mebisaa no sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn?’ 8“Ɔbisaa me sɛ, ‘Wone hwan?’
“Mebuaa no sɛ, ‘Meyɛ Amalekni.’ 9“Na ɔsrɛɛ me sɛ, ‘Bɛgyina me so na kum me, na me ho yera me yie, na mepɛ sɛ mewu.’ 10“Enti, megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ, na menim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na metuu nʼahenkyɛ a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so kapo no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.” 11Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.