Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Dawid bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Ɔbuaa sɛ, “Madwane afiri Israel sraban mu.”

2 Samuel 1:3 in English

2 Samuel 1:3 · Berean Standard Bible

“Where have you come from?” David asked. “I have escaped from the Israelite camp,” he replied.

Context

1Saulo owuo akyi no, Dawid sane firii nkonim a ɔdii Amalekfoɔ so no mu bɛtenaa Siklag nnanu. 2Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saulo sraban mu a watete ne ntadeɛ mu, atu mfuturo agu ne tiri mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo baeɛ. Ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔdanee ne ho hwee fam anidie mu. 3Dawid bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Ɔbuaa sɛ, “Madwane afiri Israel sraban mu.” 4Dawid bisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kɔsii sɛn?” Ɔkaa sɛ, “Mmarima no dwane firii akono. Bebree totɔeɛ. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.” 5Enti, Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ no saa amaneɛ no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.