Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan.

2 Samuel 1:17 in English

2 Samuel 1:17 · Berean Standard Bible

Then David took up this lament for Saul and his son Jonathan,

Context

15Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako sɛ, “Ku no!” Enti, ɔbarima no twee nʼakofena de wɔɔ Amalekni no, kumm no. 16Na Dawid kaa sɛ, “Wʼano ayi mmusuo ama wo ama woawu, ɛfiri sɛ, wo ara na wokaa sɛ woakum obi a Awurade asra no no.” 17Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan. 18Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no edin sɛ agyan dwom a wɔatwerɛ wɔ Yasar Nwoma mu. 19“Wʼanimuonyam ne wʼahosɛpɛ, Ao Israel, awu da mmepɔ so! Akofoɔ akɛseɛ atotɔ!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.