2 Petro 1:16
2 Peter 1:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom, yɛahunu na yɛdi ne kɛseyɛ no ho adanseɛ.
2 Peter 1:16 in English
2 Peter 1:16 · Berean Standard Bible
For we did not follow cleverly devised fables when we made known to you the power and coming of our Lord Jesus Christ, but we were eyewitnesses of His majesty.
Context
14Menim sɛ ɛrenkyɛre biara mɛgya saa ɔhonam yi hɔ sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no. 15Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɛkwan biara so ama mo akae saa nsɛm yi ɛberɛ biara wɔ me wuo akyi. 16Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom, yɛahunu na yɛdi ne kɛseyɛ no ho adanseɛ. 17Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam ɛberɛ a nne bi firi Animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no. 18Yɛn ankasa tee nne no sɛ ɛfiri ɔsoro reba ɛberɛ a na yɛne no wɔ Bepɔ Kronkron no so no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.