Native Bible

2 Peter 1:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɛkwan biara so ama mo akae saa nsɛm yi ɛberɛ biara wɔ me wuo akyi.

2 Peter 1:15 in English

2 Peter 1:15 · Berean Standard Bible

And I will make every effort to ensure that after my departure, you will be able to recall these things at all times.

Context

13Mesusu sɛ, ɛyɛ sɛ mmerɛ dodoɔ a mete ase yi, mɛbɔ mo nkaeɛ wɔ saa asɛm yi ho. 14Menim sɛ ɛrenkyɛre biara mɛgya saa ɔhonam yi hɔ sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no. 15Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɛkwan biara so ama mo akae saa nsɛm yi ɛberɛ biara wɔ me wuo akyi. 16Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom, yɛahunu na yɛdi ne kɛseyɛ no ho adanseɛ. 17Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam ɛberɛ a nne bi firi Animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.