2 Ahemfo 8:27
2 Kings 8:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahasia dii amumuyɛsɛm, dii bɔne a ɔhene Ahab fiefoɔ yɛeɛ no anammɔn akyi. Ɔyɛɛ amumuyɛsɛm wɔ Awurade ani so ɛfiri sɛ, wɔbɔɔ ne din bataa awadeɛ a ɔkɔwaree Ahab efieni no ho.
2 Kings 8:27 in English
2 Kings 8:27 · Berean Standard Bible
And Ahaziah walked in the ways of the house of Ahab and did evil in the sight of the LORD like the house of Ahab, for he was a son-in-law of the house of Ahab.
Context
25Yehoram babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene Yuda wɔ ɔhene Yoram* adedie wɔ Israel ne mfeɛ dumienu mu no mu. Na Ahab babarima ne ɔhene Yoram no. 26Ɛberɛ a Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem afe. Ne maame ne Atalia a ɔyɛ Israelhene Omri nana. 27Ahasia dii amumuyɛsɛm, dii bɔne a ɔhene Ahab fiefoɔ yɛeɛ no anammɔn akyi. Ɔyɛɛ amumuyɛsɛm wɔ Awurade ani so ɛfiri sɛ, wɔbɔɔ ne din bataa awadeɛ a ɔkɔwaree Ahab efieni no ho. 28Ahasia de ne ho kɔbɔɔ Israelhene Yoram ho wɔ ne ko a ɔko tiaa Aramhene Hasael wɔ Ramot-Gilead no. 29Ɛberɛ a wɔpiraa ɔhene Yoram wɔ ɔko no mu no, ɔsane baa Yesreel sɛ ɔrebɛsa nʼapirakuro no. Ɛberɛ a Yoram wɔ hɔ no, Yudahene Ahasia kɔsraa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.