Native Bible

2 Kings 7:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Apono anohwɛfoɔ no teateaam, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfie hɔ no teeɛ.

2 Kings 7:11 in English

2 Kings 7:11 · Berean Standard Bible

The gatekeepers shouted the news, and it was reported to the king’s household.

Context

9Akyire yi, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ. Yei yɛ asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amaneɛ. Na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, deɛ ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Mommra ma yɛnsane nkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfie no amaneɛ.” 10Enti, wɔsane wɔn akyi, baa kuro no mu, bɛbɔɔ apono anohwɛfoɔ no asɛm a asi no ho amaneɛ sɛ wɔakɔ Aramfoɔ sraban mu, na na obiara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfunumu no nwoma, na ntomadan no deɛ, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ. 11Apono anohwɛfoɔ no teateaam, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfie hɔ no teeɛ. 12Ɔdasuom, ɔhene no sɔre firii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ sɛ, “Menim asɛm a asi. Aramfoɔ nim sɛ ɛkɔm rekum yɛn enti, wɔatu afiri wɔn sraban mu, akɔtetɛ wiram baabi. Wɔrehwehwɛ sɛ yɛbɛfiri kuro no mu, na wɔakyekye yɛn anikann, na wɔafa kuro no.” 13Mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ yɛbɛsoma akwansrafoɔ, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu enum. Sɛ asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwereɛ kɛseɛ biara sɛ wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bɛwuwu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.