2 Ahemfo 7:10
2 Kings 7:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, wɔsane wɔn akyi, baa kuro no mu, bɛbɔɔ apono anohwɛfoɔ no asɛm a asi no ho amaneɛ sɛ wɔakɔ Aramfoɔ sraban mu, na na obiara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfunumu no nwoma, na ntomadan no deɛ, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ.
2 Kings 7:10 in English
2 Kings 7:10 · Berean Standard Bible
So they went and called out to the gatekeepers of the city, saying, “We went to the Aramean camp and no one was there—not a trace—only tethered horses and donkeys, and the tents were intact.”
Context
8Ɛberɛ a akwatafoɔ no duruu sraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntomadan no mu mmaako mmaako didiiɛ, nom nsã, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntadeɛ de kɔsieeɛ. 9Akyire yi, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ. Yei yɛ asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amaneɛ. Na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, deɛ ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Mommra ma yɛnsane nkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfie no amaneɛ.” 10Enti, wɔsane wɔn akyi, baa kuro no mu, bɛbɔɔ apono anohwɛfoɔ no asɛm a asi no ho amaneɛ sɛ wɔakɔ Aramfoɔ sraban mu, na na obiara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfunumu no nwoma, na ntomadan no deɛ, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ. 11Apono anohwɛfoɔ no teateaam, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfie hɔ no teeɛ. 12Ɔdasuom, ɔhene no sɔre firii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ sɛ, “Menim asɛm a asi. Aramfoɔ nim sɛ ɛkɔm rekum yɛn enti, wɔatu afiri wɔn sraban mu, akɔtetɛ wiram baabi. Wɔrehwehwɛ sɛ yɛbɛfiri kuro no mu, na wɔakyekye yɛn anikann, na wɔafa kuro no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.