Native Bible

2 Kings 4:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Akyire yi, Elisa bisaa Gehasi sɛ, “Ɛdeɛn na wogye di sɛ yɛbɛtumi ayɛ ama no?” Ɔto maa no sɛ, “Ɔnni babarima na ne kunu nso abɔ akɔkoraa.”

2 Kings 4:14 in English

2 Kings 4:14 · Berean Standard Bible

So he asked, “Then what should be done for her?” “Well, she has no son,” Gehazi replied, “and her husband is old.”

Context

12Ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ ɔbaa no sɛ, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ no.” Ɔbaa no baeɛ no, 13Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ no sɛ, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no deɛ yɛn so yɛbɛtumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ medi ne ho adanseɛ kyerɛ ɔhene anaa asraafoɔ sahene no?” Ɔbuaa sɛ, “Dabi, ɛfiri sɛ, mʼabusuafoɔ hwɛ me yie.” 14Akyire yi, Elisa bisaa Gehasi sɛ, “Ɛdeɛn na wogye di sɛ yɛbɛtumi ayɛ ama no?” Ɔto maa no sɛ, “Ɔnni babarima na ne kunu nso abɔ akɔkoraa.” 15Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ no bra bio.” Ɔbaa no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no wɔ ɛpono no ano sɛ, 16“Afe sɛsɛɛ saa ɛberɛ yi ara mu, na ɔbabarima da wo srɛ so.” Ɔteaa mu sɛ, “Dabi, me wura, mesrɛ wo, ntwa me nkontompo saa. Ao, Onyankopɔn onipa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.