2 Ahemfo 4:13
2 Kings 4:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ no sɛ, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no deɛ yɛn so yɛbɛtumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ medi ne ho adanseɛ kyerɛ ɔhene anaa asraafoɔ sahene no?” Ɔbuaa sɛ, “Dabi, ɛfiri sɛ, mʼabusuafoɔ hwɛ me yie.”
2 Kings 4:13 in English
2 Kings 4:13 · Berean Standard Bible
and Elisha said to Gehazi, “Now tell her, ‘Look, you have gone to all this trouble for us. What can we do for you? Can we speak on your behalf to the king or the commander of the army?’” “I have a home among my own people,” she replied.
Context
11Ɛda bi, Elisa sane baa Sunem. Ɔkɔɔ ne soro dan no mu kɔsoɛe. 12Ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ ɔbaa no sɛ, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ no.” Ɔbaa no baeɛ no, 13Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ no sɛ, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no deɛ yɛn so yɛbɛtumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ medi ne ho adanseɛ kyerɛ ɔhene anaa asraafoɔ sahene no?”
Ɔbuaa sɛ, “Dabi, ɛfiri sɛ, mʼabusuafoɔ hwɛ me yie.” 14Akyire yi, Elisa bisaa Gehasi sɛ, “Ɛdeɛn na wogye di sɛ yɛbɛtumi ayɛ ama no?”
Ɔto maa no sɛ, “Ɔnni babarima na ne kunu nso abɔ akɔkoraa.” 15Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ no bra bio.” Ɔbaa no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no wɔ ɛpono no ano sɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.