Native Bible

2 Kings 21:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ahemfie no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

2 Kings 21:18 in English

2 Kings 21:18 · Berean Standard Bible

And Manasseh rested with his fathers and was buried in his palace garden, the garden of Uzza. And his son Amon reigned in his place.

Context

16Manase kunkumm nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kɔsii sɛ, mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma, firi tire kɔsi tire. Yei ka bɔne a ɔmaa Yudafoɔ no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho. 17Manase ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 18Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ahemfie no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 19Amon dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ mmienu. Na wɔfrɛ ne maame Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yolba no babaa. 20Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no ara pɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.