Native Bible

2 Kings 21:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amon dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ mmienu. Na wɔfrɛ ne maame Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yolba no babaa.

2 Kings 21:19 in English

2 Kings 21:19 · Berean Standard Bible

Amon was twenty-two years old when he became king, and he reigned in Jerusalem two years. His mother’s name was Meshullemeth daughter of Haruz; she was from Jotbah.

Context

17Manase ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 18Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ahemfie no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 19Amon dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ mmienu. Na wɔfrɛ ne maame Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yolba no babaa. 20Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no ara pɛ. 21Ɔfaa nʼagya nhwɛsoɔ so, somm ahoni korɔ no ara a na nʼagya somm wɔn no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.