2 Ahemfo 2:1
2 Kings 2:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Awurade pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal ɛkwan so.
2 Kings 2:1 in English
2 Kings 2:1 · Berean Standard Bible
Shortly before the LORD took Elijah up to heaven in a whirlwind, Elijah and Elisha were on their way from Gilgal,
Context
1Ɛberɛ a Awurade pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal ɛkwan so. 2Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Bet-El.” Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase no, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Bet-El. 3Adiyifoɔ kuo a wɔfiri Bet-El no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ?”
Elisa buaa sɛ, “Aane, menim saa. Nanso, monnka nkyerɛ obiara.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.