Native Bible

2 Kings 18:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, ɔsɔre gyinaeɛ, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so sɛ, “Montie nkra a ɛfiri Asiria ɔhene kɛseɛ no nkyɛn!

2 Kings 18:28 in English

2 Kings 18:28 · Berean Standard Bible

Then the Rabshakeh stood and called out loudly in Hebrew: “Hear the word of the great king, the king of Assyria!

Context

26Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no sɛ, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte aseɛ yie. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, ɛfiri sɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte.” 27Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.” 28Afei, ɔsɔre gyinaeɛ, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so sɛ, “Montie nkra a ɛfiri Asiria ɔhene kɛseɛ no nkyɛn! 29Sɛdeɛ ɔhene seɛ nie: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfiri me tumi ase. 30Mommma ɔnnaadaa mo sɛ, momfa mo ho nto Awurade so, nnka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuropɔn yi mma Asiriahene da.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.