2 Ahemfo 18:27
2 Kings 18:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”
2 Kings 18:27 in English
2 Kings 18:27 · Berean Standard Bible
But the Rabshakeh replied, “Has my master sent me to speak these words only to you and your master, and not to the men sitting on the wall, who are destined with you to eat their own dung and drink their own urine?”
Context
25Deɛ ɛka ho ne sɛ, wogye di sɛ yɛadi mo asase yi so a Awurade akwankyerɛ nni mu? Awurade ankasa na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, Kɔ na kɔsɛe no!’ ” 26Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no sɛ, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte aseɛ yie. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, ɛfiri sɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte.” 27Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.” 28Afei, ɔsɔre gyinaeɛ, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so sɛ, “Montie nkra a ɛfiri Asiria ɔhene kɛseɛ no nkyɛn! 29Sɛdeɛ ɔhene seɛ nie: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfiri me tumi ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.