2 Ahemfo 15:5
2 Kings 15:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kɔsii da a ɔwuiɛ.* Ne saa enti, na ɔno nko te efie bi mu. Yotam* a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so.
2 Kings 15:5 in English
2 Kings 15:5 · Berean Standard Bible
And the LORD afflicted the king with leprosy * until the day he died, so that he lived in a separate house while his son Jotham had charge of the palace and governed the people of the land.
Context
3Na ɔtene wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no. 4Wammubu abosonnan no enti, na ne nkurɔfoɔ no kɔ hɔ kɔbɔ afɔdeɛ, hye nnuhwam. 5Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kɔsii da a ɔwuiɛ.* Ne saa enti, na ɔno nko te efie bi mu. Yotam* a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so. 6Na Asaria adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 7Asaria wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.