2 Ahemfo 15:3
2 Kings 15:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔtene wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no.
2 Kings 15:3 in English
2 Kings 15:3 · Berean Standard Bible
And he did what was right in the eyes of the LORD, just as his father Amaziah had done.
Context
1Ɛberɛ a Yeroboam a ɔtɔ so mmienu di adeɛ wɔ Israel no, ne mfeɛ aduonu nson so na Amasia babarima Asaria hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda. 2Ɔbɛdii ɔhene no, na wadi mfeɛ dunsia. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Na ne maame din de Yekolia a ɔfiri Yerusalem. 3Na ɔtene wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no. 4Wammubu abosonnan no enti, na ne nkurɔfoɔ no kɔ hɔ kɔbɔ afɔdeɛ, hye nnuhwam. 5Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kɔsii da a ɔwuiɛ.* Ne saa enti, na ɔno nko te efie bi mu. Yotam* a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.