Native Bible

2 Kings 14:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nana anim sɛ, “Bɛhyia me ma yɛnko.”

2 Kings 14:8 in English

2 Kings 14:8 · Berean Standard Bible

Then Amaziah sent messengers to the king of Israel Jehoash son of Jehoahaz, the son of Jehu. “Come, let us meet face to face,” he said.

Context

6Nanso, wɔn a wɔkunkumm wɔn no mma deɛ, wankum wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose Mmara Nwoma no mu no, ne sɛdeɛ Awurade ahyɛ no sɛ: Mma wɔnkunkum agyanom wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ nti; na wɔnnkunkum mma wɔ wɔn agyanom bɔne a wɔayɛ enti. Ɛsɛ sɛ obiara wu wɔ ne bɔne ho. 7Amasia na ɔkunkumm Edomfoɔ ɔpedu wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu no. Ɔno ara nso na ɔdii Sela* so nkonim, na ɔtoo hɔ edin Yokteel, edin a wɔde frɛ hɔ de bɛsi ɛnnɛ no. 8Ɛda bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nana anim sɛ, “Bɛhyia me ma yɛnko.” 9Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no. 10Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.