Native Bible

2 Kings 14:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no.

2 Kings 14:9 in English

2 Kings 14:9 · Berean Standard Bible

But Jehoash king of Israel replied to Amaziah king of Judah: “A thistle in Lebanon sent a message to a cedar in Lebanon, saying, ‘Give your daughter to my son in marriage.’ Then a wild beast in Lebanon came along and trampled the thistle.

Context

7Amasia na ɔkunkumm Edomfoɔ ɔpedu wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu no. Ɔno ara nso na ɔdii Sela* so nkonim, na ɔtoo hɔ edin Yokteel, edin a wɔde frɛ hɔ de bɛsi ɛnnɛ no. 8Ɛda bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nana anim sɛ, “Bɛhyia me ma yɛnko.” 9Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no. 10Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?” 11Na Amasia antie enti, Israelhene Yoas boaboaa nʼakodɔm ano ne no kɔkoeɛ. Akodɔm mmienu no hyiaa mu koeɛ wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.