2 Ahemfo 14:21
2 Kings 14:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yudafoɔ sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfeɛ dunsia no ɔhene.
2 Kings 14:21 in English
2 Kings 14:21 · Berean Standard Bible
Then all the people of Judah took Azariah,* who was sixteen years old, and made him king in place of his father Amaziah.
Context
19Wɔpam Amasia tiri so wɔ Yerusalem enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ no somaa awudifoɔ, ma wɔtii no, kɔkumm no wɔ hɔ. 20Wɔsane de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kurom. 21Yudafoɔ sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfeɛ dunsia no ɔhene. 22Nʼagya wuo akyi no, Asaria sane kyekyeree Elat kuro, dane maa Yuda. 23Yudahene Yoas babarima Amasia adedie mfeɛ dunum mu no, Israelhene Yoas babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu bɛdii ɔhene wɔ Israel. Ɔdii adeɛ wɔ Samaria mfirinhyia aduanan baako.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.