Native Bible

2 Kings 10:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yehu nam saa ɛkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu.

2 Kings 10:28 in English

2 Kings 10:28 · Berean Standard Bible

Thus Jehu eradicated Baal from Israel,

Context

26Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. 27Wɔbubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfie no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfoɔ agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de bɛsi ɛnnɛ. 28Yehu nam saa ɛkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu. 29Nanso, Yehu ansɛe sika anantwie mma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no, bɔne kɛseɛ a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim ma wɔyɛeɛ. 30Na Awurade ka kyerɛɛ Yehu sɛ, “Woayɛ ade sɛ wotiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fiefoɔ. Ne saa enti, mɛma wʼasefoɔ adi ahene wɔ Israel, akɔsi awontoatoasoɔ ɛnan so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.