Native Bible

2 John 1:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɛfiri sɛ, nokorɛ no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akɔsi daa:

2 John 1:2 in English

2 John 1:2 · Berean Standard Bible

because of the truth that abides in us and will be with us forever:

Context

1Me, Asɔre Panin, Meretwerɛ akɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokorɛ no enti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔnim nokorɛ no nyinaa dɔ mo, 2ɛfiri sɛ, nokorɛ no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akɔsi daa: 3Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no nkyɛn, mmra yɛn so nokorɛ ne ɔdɔ mu. 4Mʼani gyee sɛ mehunuu sɛ mo mma no bi te nokorɛ mu sɛdeɛ Agya no hyɛɛ yɛn no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.