Native Bible

2 Corinthians 8:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefoɔ a na ɔyɛ no nyinaa akyi, mo enti, ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma mo ayɛ adefoɔ.

2 Corinthians 8:9 in English

2 Corinthians 8:9 · Berean Standard Bible

For you know the grace of our Lord Jesus Christ, that though He was rich, yet for your sakes He became poor, so that you through His poverty might become rich.

Context

7Moyɛ adefoɔ wɔ deɛ mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa mu, ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti, yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu. 8Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ mede mo dɔ a mowɔ no toto afoforɔ deɛ ho hwɛ sɛ mo dɔ no yɛ ɔdɔ pa ara anaa. 9Monim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefoɔ a na ɔyɛ no nyinaa akyi, mo enti, ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma mo ayɛ adefoɔ. 10Mʼadwene a mewɔ wɔ asɛm no ho nie: Afe ni, mo na modii ɛkan yɛɛ ayɛ na mofiri mo pɛ mu na momaeɛ. 11Monkɔ so na monwie dwuma no di. Momma mo ho mpere mo sɛ mobɛwie sɛdeɛ mosusuiɛ sɛ mobɛyɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.