2 Korintofoɔ 8:7
2 Corinthians 8:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Moyɛ adefoɔ wɔ deɛ mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa mu, ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti, yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu.
2 Corinthians 8:7 in English
2 Corinthians 8:7 · Berean Standard Bible
But just as you excel in everything—in faith, in speech, in knowledge, in complete earnestness, and in the love we inspired in you *—see that you also excel in this grace of giving.
Context
5Wɔyɛ maa ɛboroo so. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei, wɔfiri Onyankopɔn pɛ mu de wɔn ho maa yɛn nso. 6Enti, yɛka kyerɛɛ Tito a ɔhyɛɛ adwuma yi ase sɛ, ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi. 7Moyɛ adefoɔ wɔ deɛ mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa mu, ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti, yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu. 8Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ mede mo dɔ a mowɔ no toto afoforɔ deɛ ho hwɛ sɛ mo dɔ no yɛ ɔdɔ pa ara anaa. 9Monim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefoɔ a na ɔyɛ no nyinaa akyi, mo enti, ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma mo ayɛ adefoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.