2 Korintofoɔ 8:14
2 Corinthians 8:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Yei ma mo nyinaa yɛ pɛ.
2 Corinthians 8:14 in English
2 Corinthians 8:14 · Berean Standard Bible
At the present time, your surplus will meet their need, so that in turn their surplus will meet your need. Then there will be equality.
Context
12Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam deɛ wowɔ so bɛgye, na ɛnyɛ deɛ wonnie so. 13Merennye nkurɔfoɔ adesoa mmɛgu mo so na mmom, ɛsiane sɛ mowɔ bebree saa ɛberɛ yi mu no enti, ɛyɛ fɛ sɛ moboa wɔn a wɔnni bi no. 14Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Yei ma mo nyinaa yɛ pɛ. 15Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn.” 16Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama Tito mo ho anigyeɛ, sɛdeɛ me nso mʼani gye mo ho no bi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.