Native Bible

2 Corinthians 8:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn.”

2 Corinthians 8:15 in English

2 Corinthians 8:15 · Berean Standard Bible

As it is written: “He who gathered much had no excess, and he who gathered little had no shortfall.”*

Context

13Merennye nkurɔfoɔ adesoa mmɛgu mo so na mmom, ɛsiane sɛ mowɔ bebree saa ɛberɛ yi mu no enti, ɛyɛ fɛ sɛ moboa wɔn a wɔnni bi no. 14Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Yei ma mo nyinaa yɛ pɛ. 15Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn.” 16Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama Tito mo ho anigyeɛ, sɛdeɛ me nso mʼani gye mo ho no bi. 17Ɛnyɛ sɛ ɔpenee yɛn abisadeɛ so nko, na mmom, ɔno ankasa firii ne pɛ mu pɛɛ sɛ ɔboa enti na ɔsii nʼadwene pi sɛ ɔbɛba mo nkyɛn no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.