2 Korintofoɔ 6:17
2 Corinthians 6:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, “Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ. Awurade na ɔseɛ. Monte mo ho mfiri deɛ ɛho nte ho, na mɛgye mo.”
2 Corinthians 6:17 in English
2 Corinthians 6:17 · Berean Standard Bible
“Therefore come out from among them and be separate, says the Lord. Touch no unclean thing, and I will receive you.”*
Context
15Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Ɛdeɛn na ogyidini ne deɛ ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ? 16Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka sɛ,
“Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie
na matena wɔn mu;
mɛyɛ wɔn Onyankopɔn
na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.” 17Ɛno enti,
“Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ
mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ.
Awurade na ɔseɛ.
Monte mo ho mfiri deɛ ɛho nte ho,
na mɛgye mo.” 18Na,
“Mɛyɛ mo Agya,
na mobɛyɛ me mmammarima ne me mmammaa.”
Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.