2 Korintofoɔ 6:15
2 Corinthians 6:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Ɛdeɛn na ogyidini ne deɛ ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ?
2 Corinthians 6:15 in English
2 Corinthians 6:15 · Berean Standard Bible
What harmony is there between Christ and Belial?* Or what does a believer have in common with an unbeliever?
Context
13Seesei, mekasa mekyerɛ mo sɛ me mma: sɛdeɛ yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nsie yɛn. Mommue mo akoma mu! 14Monnyaa mo ho mma abosonsomfoɔ, ɛfiri sɛ, moyɛ no saa a, ɛnyɛ yie. Ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako? 15Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Ɛdeɛn na ogyidini ne deɛ ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ? 16Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka sɛ,
“Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie
na matena wɔn mu;
mɛyɛ wɔn Onyankopɔn
na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.” 17Ɛno enti,
“Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ
mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ.
Awurade na ɔseɛ.
Monte mo ho mfiri deɛ ɛho nte ho,
na mɛgye mo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.