2 Korintofoɔ 13:12
2 Corinthians 13:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momfa onuadɔ nkyeakyea mo ho mo ho.
2 Corinthians 13:12 in English
2 Corinthians 13:12 · Berean Standard Bible
Greet one another with a holy kiss.
Context
10Ɛno enti na meretwerɛ saa krataa yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meba a, merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na monnyini na mo mu antete no so, na me ne mo anni no anibereɛ so. 11Enti, anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; montie mʼafotuo; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoeɛ mu. Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo bɛtena. 12Momfa onuadɔ nkyeakyea mo ho mo ho. 13Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa kyeakyea mo. 14Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.