Native Bible

2 Chronicles 6:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a wadi ɛbɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ mʼagya sɛ,

2 Chronicles 6:4 in English

2 Chronicles 6:4 · Berean Standard Bible

and said: “Blessed be the LORD, the God of Israel, who has fulfilled with His own hand what He spoke with His mouth to my father David, saying,

Context

2Afei, masi Asɔredan a ɛho wɔ nyam ama wo, baabi a wobɛtumi atena afebɔɔ.” 3Na ɔhene no danee ne ho kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyina nʼanim no nyinaa, hyiraa wɔn sɛ, 4“Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a wadi ɛbɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ mʼagya sɛ, 5‘Ɛfiri da a meyii me nkurɔfoɔ firii Misraim no, menyii kuropɔn biara mfirii Israel mmusuakuo no mu sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔsi Asɔredan, de hyɛ me din animuonyam. Ɛnna nso, menyii ɔhene biara sɛ ɔnni me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim. 6Nanso, afei, mayi Yerusalem sɛ kuropɔn, ne Dawid sɛ ɔhene.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.