Native Bible

2 Chronicles 31:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wɔmaa mmusuafoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua nwoma mu a mmadoma, ɔyerenom ne mmammarima ne mmammaa nso ka ho nnuane, sɛ wɔn kyɛfa. Ɛfiri sɛ na wɔadi nokorɛ adwira wɔn ho.

2 Chronicles 31:18 in English

2 Chronicles 31:18 · Berean Standard Bible

The genealogy included all the little ones, wives, sons, and daughters in the whole assembly. For they had faithfully consecrated themselves as holy.

Context

16Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa rekɔ nyinaa akyɛdeɛ no bi a wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu, a nso da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn ekuo no nsa. 17Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu ne Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu teɛ. 18Na wɔmaa mmusuafoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua nwoma mu a mmadoma, ɔyerenom ne mmammarima ne mmammaa nso ka ho nnuane, sɛ wɔn kyɛfa. Ɛfiri sɛ na wɔadi nokorɛ adwira wɔn ho. 19Na asɔfoɔ, Aaron asefoɔ a na wɔtete nkuraa a atwa nkuro no ho ahyia no, wɔyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu ne Lewifoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua mu no nneɛma no bi. 20Saa ɛkwan yi so na Hesekia fa kyɛɛ nneɛma wɔ Yudaman no mu nyinaa, na ɔyɛɛ deɛ ɛfata na ɛsɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.