2 Berɛsosɛm 31:17
2 Chronicles 31:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu ne Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu teɛ.
2 Chronicles 31:17 in English
2 Chronicles 31:17 · Berean Standard Bible
and to the priests enrolled according to their families in the genealogy, as well as to the Levites twenty years of age or older, according to their duties and divisions.
Context
15Nʼaboafoɔ nokwafoɔ no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ mmusua a wɔwɔ wɔn nkuro so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmɔfra ne mpanin. 16Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa rekɔ nyinaa akyɛdeɛ no bi a wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu, a nso da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn ekuo no nsa. 17Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu ne Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu teɛ. 18Na wɔmaa mmusuafoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua nwoma mu a mmadoma, ɔyerenom ne mmammarima ne mmammaa nso ka ho nnuane, sɛ wɔn kyɛfa. Ɛfiri sɛ na wɔadi nokorɛ adwira wɔn ho. 19Na asɔfoɔ, Aaron asefoɔ a na wɔtete nkuraa a atwa nkuro no ho ahyia no, wɔyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu ne Lewifoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua mu no nneɛma no bi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.