2 Berɛsosɛm 31:15
2 Chronicles 31:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nʼaboafoɔ nokwafoɔ no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ mmusua a wɔwɔ wɔn nkuro so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmɔfra ne mpanin.
2 Chronicles 31:15 in English
2 Chronicles 31:15 · Berean Standard Bible
Under his authority, Eden, Miniamin, Jeshua, Shemaiah, Amariah, and Shecaniah faithfully distributed portions to their fellow priests in their cities, according to their divisions, old and young alike.*
Context
13Sohwɛfoɔ a na wɔhyɛ wɔn ase no ne Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia. Ɔhene Hesekia ne Asaria a ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu sohwɛfoɔ panin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahodoɔ yi. 14Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apueeɛ Ɛpono ano hwɛfoɔ no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ, ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ akyɛdeɛ ne nneɛma a wɔde ama Awurade no. 15Nʼaboafoɔ nokwafoɔ no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ mmusua a wɔwɔ wɔn nkuro so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmɔfra ne mpanin. 16Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa rekɔ nyinaa akyɛdeɛ no bi a wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu, a nso da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn ekuo no nsa. 17Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu ne Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu teɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.