2 Berɛsosɛm 31:14
2 Chronicles 31:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apueeɛ Ɛpono ano hwɛfoɔ no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ, ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ akyɛdeɛ ne nneɛma a wɔde ama Awurade no.
2 Chronicles 31:14 in English
2 Chronicles 31:14 · Berean Standard Bible
Kore son of Imnah the Levite, the keeper of the East Gate, was in charge of the freewill offerings given to God, distributing the contributions to the LORD and the consecrated gifts.
Context
12Na wɔdii nokorɛ de akyɛdeɛ no ne ntotosoɔ dudu no nyinaa baa Asɔredan no mu. Wɔde hyɛɛ Lewini Kenania nsa maa ne nua Simei yɛɛ ne ɔboafoɔ. 13Sohwɛfoɔ a na wɔhyɛ wɔn ase no ne Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia. Ɔhene Hesekia ne Asaria a ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu sohwɛfoɔ panin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahodoɔ yi. 14Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apueeɛ Ɛpono ano hwɛfoɔ no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ, ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ akyɛdeɛ ne nneɛma a wɔde ama Awurade no. 15Nʼaboafoɔ nokwafoɔ no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ mmusua a wɔwɔ wɔn nkuro so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmɔfra ne mpanin. 16Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa rekɔ nyinaa akyɛdeɛ no bi a wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu, a nso da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn ekuo no nsa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.