Native Bible

2 Chronicles 18:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛberɛ no, na ɔhene Aram aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Monkɔto nhyɛ Israelhene nko ara so.”

2 Chronicles 18:30 in English

2 Chronicles 18:30 · Berean Standard Bible

Now the king of Aram had ordered his chariot commanders, “Do not fight with anyone, small or great, except the king of Israel.”

Context

28Enti, Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, tuu Ramot-Gilead so sa. 29Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsesa me ho sɛdeɛ obiara renhunu me nanso, wo deɛ, wobɛhyɛ wʼahentadeɛ.” Enti, Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no. 30Saa ɛberɛ no, na ɔhene Aram aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Monkɔto nhyɛ Israelhene nko ara so.” 31Enti, ɛberɛ a Aram nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentadeɛ yuu no, wɔkɔɔ ne so. Wɔteaam sɛ, “Israelhene no na ɔte hɔ no.” Nanso, Yehosafat teaam frɛɛ Awurade sɛ ɔmmɛgye no nkwa. Na Awurade yii nkurɔfoɔ no ani firii ne so, de gyee no nkwa. 32Ɛberɛ a nteaseɛnamkafoɔ no hunuu sɛ ɔnyɛ Israelhene no, wɔgyaee ne so taa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.