Native Bible

2 Chronicles 10:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Israel mpanimfoɔ soma maa wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Rehoboam rekɔkasa.

2 Chronicles 10:3 in English

2 Chronicles 10:3 · Berean Standard Bible

So they sent for Jeroboam, and he and all Israel came to Rehoboam and said,

Context

1Rehoboam kɔɔ Sekem, ɛfiri sɛ, na Israelfoɔ nyinaa akɔ hɔ sɛ wɔrekɔsi no ɔhene. 2Ɛberɛ a Nebat babarima Yeroboam tee Salomo wuo no, ɔfiri Misraim baeɛ, ɛfiri sɛ, ɔdwane firii Salomo anim kɔɔ Misraim. 3Israel mpanimfoɔ soma maa wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Rehoboam rekɔkasa. 4Wɔkaa sɛ, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, te saa adwumaden ne apeatoɔ adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokorɛ mu.” 5Rehoboam buaa wɔn sɛ, “Mommra nnansa akyi, mmɛgye mmuaeɛ.” Enti, nnipa no kɔeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.