2 Berɛsosɛm 10:5
2 Chronicles 10:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Rehoboam buaa wɔn sɛ, “Mommra nnansa akyi, mmɛgye mmuaeɛ.” Enti, nnipa no kɔeɛ.
2 Chronicles 10:5 in English
2 Chronicles 10:5 · Berean Standard Bible
Rehoboam answered, “Come back to me in three days.” So the people departed.
Context
3Israel mpanimfoɔ soma maa wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Rehoboam rekɔkasa. 4Wɔkaa sɛ, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, te saa adwumaden ne apeatoɔ adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokorɛ mu.” 5Rehoboam buaa wɔn sɛ, “Mommra nnansa akyi, mmɛgye mmuaeɛ.” Enti, nnipa no kɔeɛ. 6Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanimfoɔ bi a na wɔtu nʼagya Salomo fo ne wɔn kɔsusuu asɛm no ho. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Moka asɛm no ho ɛdeɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa mma saa nnipa yi?” 7Mpanimfoɔ yi buaa sɛ, “Sɛ woyɛ nnipa no yie, na woyɛ ayamyɛ kyerɛ wɔn ma ɛsɔ wɔn ani a, wɔn nso bɛyɛ wo nkurɔfoɔ nokwafoɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.