1 Timoteo 4:9
1 Timothy 4:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye tom na wɔgye di.
1 Timothy 4:9 in English
1 Timothy 4:9 · Berean Standard Bible
This is a trustworthy saying, worthy of full acceptance.
Context
7Nsɛe wo berɛ wɔ atorɔsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. Bɔ onyamesompa ho mmɔden. 8Ɛwom sɛ honam mu mmɔdemmɔ ho hia deɛ, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia akwan nyinaa mu, ɛfiri sɛ, ɛhyɛ yɛn ɛnnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ. 9Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye tom na wɔgye di. 10Ɛno enti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma denden, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn anidasoɔ ahyɛ Onyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no mu, ne titire wɔn a wɔgye asɛm no di no. 11Yeinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.