1 Samuel 20:18
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena na ɛyɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ no. Yɛrenhunu wo, ɛfiri sɛ, wʼakonnwa so bɛda hɔ.
1 Samuel 20:18 in English
1 Samuel 20:18 · Berean Standard Bible
Then Jonathan said to David, “Tomorrow is the New Moon, and you will be missed if your seat is empty.
Context
16Enti, Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, “Awurade ntɔre Dawid atamfoɔ nyinaa ase.” 17Esiane ɔdɔ a Yonatan wɔ ma Dawid no enti, ɔmaa no tii ne ntam no mu bio, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no sɛdeɛ ɔdɔ ɔno ankasa ho. 18Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena na ɛyɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ no. Yɛrenhunu wo, ɛfiri sɛ, wʼakonnwa so bɛda hɔ. 19Ɔkyena akyi, ɛrekɔ anwummerɛ no, kɔ baabi a saa nsɛm yi refiti aseɛ no, wokɔsumaa wo ho no, na twɛn wɔ aboɔ esie no ho. 20Mɛto agyan mmiɛnsa afa ne nkyɛn, te sɛ deɛ mereto abɔ biribi no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.