Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔtii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso, Dawid kaa sɛ, “Ohianiwaa a me fie nni bi, ɛhe na menya ɔhene babaa tirinsa?”

1 Samuel 18:23 in English

1 Samuel 18:23 · Berean Standard Bible

But when Saul’s servants relayed these words to David, he replied, “Does it seem trivial in your sight to be the son-in-law of the king? I am a poor man and lightly esteemed.”

Context

21Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Akwannya foforɔ a ɛbɛma Filistifoɔ nsa aka no akum no nie.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Afei, manya ɛkwan foforɔ ama wo a wonam so bɛyɛ ɔhene ase.” 22Na Saulo hyɛɛ ne nkoa sɛ, “Monka no kɔkoam nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn enti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’ ” 23Wɔtii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso, Dawid kaa sɛ, “Ohianiwaa a me fie nni bi, ɛhe na menya ɔhene babaa tirinsa?” 24Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no, 25Saulo kaa sɛ, “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɔhene nhwehwɛ tirinsa biara sɛ Filistifoɔ ɔha mmarima ano wedeɛ. Mʼatamfoɔ so aweretɔ nko ara ne adeɛ a mepɛ.’ ” Na Saulo adwene ara ne sɛ wɔbɛkum Dawid wɔ akono.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.