1 Samuel 18:22
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Saulo hyɛɛ ne nkoa sɛ, “Monka no kɔkoam nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn enti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’ ”
1 Samuel 18:22 in English
1 Samuel 18:22 · Berean Standard Bible
Then Saul ordered his servants, “Speak to David privately and tell him, ‘Behold, the king is pleased with you, and all his servants love you. Now therefore, become his son-in-law.’”
Context
20Na Saulo babaa Mikal dɔ Dawid, enti ɛberɛ a Saulo teeɛ no, ɛyɛɛ no anigye. 21Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Akwannya foforɔ a ɛbɛma Filistifoɔ nsa aka no akum no nie.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Afei, manya ɛkwan foforɔ ama wo a wonam so bɛyɛ ɔhene ase.” 22Na Saulo hyɛɛ ne nkoa sɛ, “Monka no kɔkoam nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn enti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’ ” 23Wɔtii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso, Dawid kaa sɛ, “Ohianiwaa a me fie nni bi, ɛhe na menya ɔhene babaa tirinsa?” 24Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.