Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, bisa.”

1 Samuel 17:56 in English

1 Samuel 17:56 · Berean Standard Bible

“Find out whose son this young man is!” said the king.

Context

54Dawid faa Goliat ti de kɔɔ Yerusalem, ɛna ɔkoraa Filistini no akodeɛ wɔ ɔno ankasa ne ntomadan mu. 55Ɛberɛ a Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrekɔ Goliat anim no, ɔbisaa Abner a na ɔyɛ nʼakodɔm sahene sɛ, “Abner, hwan ba ne saa aberanteɛ yi?” Abner buaa sɛ, “Nokorɛ nie, mennim.” 56Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, bisa.” 57Dawid kumm Goliat akyire no, Abner de no brɛɛ Saulo a na Filistini no ti da so kura no. 58Saulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.” Na Dawid buaa sɛ, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.