Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfoɔ akodɔm nʼanim anɔpa ne anwummerɛ, saa ara adaduanan.

1 Samuel 17:16 in English

1 Samuel 17:16 · Berean Standard Bible

For forty days the Philistine came forward every morning and evening to take his stand.

Context

14Dawid deɛ, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanimfoɔ baasa no na wɔdii Saulo akyi, 15nanso, na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nnwan wɔ Betlehem nso. 16Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfoɔ akodɔm nʼanim anɔpa ne anwummerɛ, saa ara adaduanan. 17Ɛda koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa nkyeweɛ lita aduonu mmienu yi ne burodo mua edu yi kɔma wo nuanom mmarima. 18Na fa kyiisi edu a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛdeɛ wo nuanom mmarima no ho teɛ, na gye krataa firi wɔn nkyɛn brɛ me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.