Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam.

1 Samuel 14:4 in English

1 Samuel 14:4 · Berean Standard Bible

Now there were cliffs on both sides of the pass that Jonathan intended to cross to reach the Philistine outpost. One was named Bozez and the other Seneh.

Context

2Saa ɛberɛ no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere sraban wɔ Gibea nkwantia wɔ ateaa dua a ɛwɔ Migron no ase. 3(Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nana nso. Na Eli yɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afiri Israel sraban mu. 4Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. 5Ɔbotan a ɛtwere hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no nso, na ɛkyerɛ Geba anim. 6Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔyɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Ma yɛntwam nkɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, biribiara ntumi nsi Awurade kwan. Ɔbɛtumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakodɔm dɔɔso anaa wɔsua.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.