1 Samuel 14:3
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
(Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nana nso. Na Eli yɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afiri Israel sraban mu.
1 Samuel 14:3 in English
1 Samuel 14:3 · Berean Standard Bible
including Ahijah, who was wearing an ephod. He was the son of Ichabod’s brother Ahitub son of Phinehas, the son of Eli the priest of the LORD in Shiloh. But the troops did not know that Jonathan had left.
Context
1Ɛda bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔsoa nʼakodeɛ sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifoɔ abɔ dɔmpem hɔ.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya. 2Saa ɛberɛ no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere sraban wɔ Gibea nkwantia wɔ ateaa dua a ɛwɔ Migron no ase. 3(Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nana nso. Na Eli yɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afiri Israel sraban mu. 4Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. 5Ɔbotan a ɛtwere hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no nso, na ɛkyerɛ Geba anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.